Number: NG8
Category:
Title:
Twi Title: Onipa Tiafo
1. Dɛn na Menyɛ wo onipa? Mmoadoma mpo Mehwɛ wɔnso, Anka wo a Mebɔɔ wo Me nsɛ so, Dɛn nti na biribi hia wo? Nnyeso: Onipa tiafo, woabɔ Me so ko; Onipa, Menyɛ wo dɛn? Nyame na Ɔse, wo de Gye Me di, Onipa kae Me ɛ 2. Dɛn na Menka nky'rɛ dasani, Mebɔɔ wo, na Mesan gyee wo; Womma eyi mpo nsom wo bo, Nanso wotan wo Bɔfoɛ 3. Wiase yi nni wɔ wo ne Me, Ɔdɔ nti na Mebɔɔ wo; Meremma no sɛ Oguamma bio, Mɛba no anibere so. 4. Metoo asase yi fapem, Onipa, na wowɔ he? Mebɔɔ nnua ne nsuo no Na woyɛ dɔte mu dɔte. 5. Mabrɛ wo dodo, onipa Medi wo ho abooboo Meka no Me koma mu sɛ, Manu Me ho sɛ Mebɔɔ wo. 6. Nanso Medɔ wo onipa, Wo wuo nyɛ Me fɛ; Wotie Me nne a Mɛgye wo, Mɛyɛ wo awaawaatuu.
Share Hymn NG8
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.