SDA TWI HYMNAL

Favorites

Hymn Stories

Categories

Contact

About

Donate

Home

Favorites

Stories

Categories

Contact

About

Donate

All Hymns

Hymns

Previous (Hymn NG5)

Prev

Hymn NG6 of 770

Next (Hymn NG7)

Next

Number: NG6

Category:

Title:

Twi Title: Nyame, W'akwan dɔɔso

1. Nyame, W'akwan dɔɔso, 'Dasani biara nhu mu yie, Nyame, Wo nnwuma yɛ hu, ɛhia gyidi nko; ɛyɛ den ma ɔdasani, Sɛ ɔbɛhu W'akwan nyinaa mu; Agya, nea mesrɛ Wo ne sɛ, Ma mennɔ Wo nkutoo. Nnyeso: Hena na ɔte sɛ Wo (Nyame)? Hena na ɔte sɛ Wo (Nyame)? Wo na Woka na Woyɛ, Obiara nte sɛ Wo. 2. Ɔs'ro ka W'anuonyam, Na ewim ky'rɛ Wo nsa~ano adwuma Wiase nyinaa wɔ Wo, ɛyɛ Wo nko de. Hena na ɔne Wo p're adeɛ? Hena na ɔne Wo di asie? ɛyɛ Wo Nyame nkutoo dea, ɛyɛ Wo de daa daa. 3. Obi nkyɛn Wo Nyame, Hena na ɔnsuro Wo tumidi? Aman nyinaa bɔ b'rim, Sɛ wɔte Wo nne a; Wo nne ma nifrafo hu ade. Mpakye mpo tumi nante ɛnam Wo tumi kɛse nti Hena na ɔnsuro Wo? 4. Yɛtee Wo nne akyɛ, Yɛtee bi wɔ Sinai bepɔ so; Suro nti yɛantumi Ne Wo ankasa ankyɛ; Wo nne maa agyanom ho popoe Nketenkete kitaa wɔn Sɛ yɛansuro Wo nne yi a Yɛn ho bɛpo daakye.

Share Hymn NG6

SDA

Twi Hymnal

Powered by VigilantSoft-GH

© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.

We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.