Number: NG5
Category:
Title:
Twi Title: Gya Me Kwan Dwoo
1. Me b'rɛ so' a ma menkɔda komm, Na mentwɛm Wo bɔ hyɛ no; Sɛ m'abrabɔ nyinaa to twa a Aw'rade, gya me kwan dwoo.</h2>Nnyeso: Gya me kwan dwoo, gya me kwan dwoo, Me b'rɛ so a gya me kwan Yi me f'ri yaredahɔ mu B'rɛ so' a ma me nkɔda komm. 2. Me b'rɛ so' a ma menkɔda komm Nyame' a Wonim m'awieeɛ, Wo nko na Wonim me nkwa nna 'Fisɛ me kwan hyɛ Wo nsa. 3. M'awoda yɛ bɔne ma me, Ayɛ sum ne aw'rɛho, Wiase asetena afon' me, Nanso me hwɛ Wo ara. 4. Ɔbrɛguo deɛ, ma ɛmpare me, Kora me anidaso mu, Adekyeeɛ fɛfɛ no mu Nyan me W'anuonyam mu bi.
Share Hymn NG5
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.