Number: NG2
Category:
Title:
Twi Title: Ɔkwadwofo
1. Ɔkwadwofo, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n'akwan, Hu nyansa, ɔno, ɔnni panin ne ɔhwɛfo; Nanso osiesie n'aduan' ahuhub'rem, Ɔboaboa n'aduane ano twabere mu, Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofo? 2. ɛnnɛ yɛ n-kwagye b're ma wo, 'kwadwofo, Yɛ ntɛm bɛka yɛn ho ma yɛnyɛ 'dwuma no; ɛnnɛ ne ɔdom ne nkwagye b're, Sɔre, na Agyenkwa Yesu refrɛ wo Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwadwofo? 3. Abɔfo kronkron no rehwɛ nea woreyɛ, ɛyɛ hu ma wo sɛ wobɛsɛe (wo) bere kwa; Siesie wo ho na b're bi di w'anim reba. ɛbɛyɛ b're pa ama onipa sifo; Ɔdom ne nhyira bɛka 'kyi ana 'kwadwofo. 4. Hwɛ, sɛnea b're retwam kɔ hyewhyew, kwadwofo, Dɛn nti na woda so twɛn, ɔkwadwofo; B're nni wɔ wo, na woahoahoa wo ho, Wo b're ara ni, fa hyɛ Nyame anuonyam, Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwadwofo?
Share Hymn NG2
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.