Number: NG17
Category:
Title:
Twi Title: Agya Bεhwe
1. Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o; Nyame a Ɔntɔ nko, Ɔnna Dabiara da o; Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o; Metwere No a,metwere ɔbotan M'anim ngu ase ara da o. Nnyeso: Sɛ asɛm bi to me a; Me Nyame bɛdi ama me o; Sɛ ɔko ba me so a, Me Nyame bɛko agye me o. Ɔbɛka ama me, Ɔbɛdi ama me, Ɔbɛko agye me nti mensuro hwee. Agya bɛhwɛ, Agya bɛka, Me Nyame bɛdi ama me o Metwere No a, metwere ɔbotan M'anim ngu ase ara da o. 2. Nyame no ara, me bɔfo no, Yehowa wɔ hɔ ma me o Me dɔfo Yesu, Ɔmpa m'akyi ara da o Nyame no ara, me bɔfo no Yehowa wɔ hɔ ma me o Ɔnim me fi y'afun' mu Ansa na wɔ woo me o.
Share Hymn NG17
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.