Number: NG16
Category:
Title:
Twi Title: Meyi Me Gyefo Ayε
1. Mɛyi me gyefo ayɛ, Monnyae me o Mma mensɛpɛ me ho, mento Dwom nyi Nyame ayɛ o. Mede sanku, nnawuta; mɛkanfo No o; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o. Nnyeso: Mɛto dwom!, mɛto dwom ayi me Nyame ayɛ daa; Mɛto dwom!, mɛto dwom ada me Nyame ase daa; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o. 2. Mɛto me dɔfo ho dwon, monnyae me o; Jessus din, mɛbɔ ama amansan Ate o. Mede sanku, nnawuta; mɛkanfo No o; Menim nea menya wɔ Ne mu, Monnyae me o. 3. Mɛda me Bɔfo ase, monnyae me o Mma mensɛpɛ me ho, mento dwom nna Nyame ase o. Mede mpaebɔ, abot'rɛ; mɛsom No o; Menim nea menya wɔ Ne mu Monnyae me o.
Share Hymn NG16
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.