Number: NG15
Category:
Title:
Twi Title: Kan Na Meye Nifrani
1. Kan' na meyɛ 'nifrani nanso nnɛ m'ani abue, Kristo mogya dehye no agye me; Sɛ mehwɛ me Gyefo sɛ Ɔsɛn mmemudua no ho Na mogya refi N'ak'rum' sen no a, Mede me ho ma Nokoraa sɛ afɔre~a ɛsɔ ani, Ɔdɔ bɛn ni? Ɔdɔ bi nte sɛ Kristo dɔ! 2. 'Wura Yesu, afei de ky'rɛ me nea menyɛ mmaW', Mayɛ komm rehwehwɛ Wo akyi kwan; Sɛ mete~ase~a mete maW', Sɛ mewu mpo~a mewu maW', Kosi sɛ Wobepue W'ahenni no mu; 'Fisɛ Woayɛ bi~ama me, merentumi nna W'ase, Wura Yesu, afei de fa me, fa me koraa. 3. Wo a Woyɛ Nyame Ba nso Wowu maa bɔn'yɛfo; Me bɔne nti wɔbɔɔ Wo asɛnduam'. Wɔyɛɛ Wo ayayade, Wɔtee Wo so n-tasu, Ne nyinaa 'kyi wɔbɔɔ Wo asɛnuam'; Eyi nyinaa Woampa~aba, Wo dɔ no nti Wokaa sɛ, “Fa firi wɔn, Agya, wɔnnim nea wɔreyɛ.”
Share Hymn NG15
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.