Number: NG14
Category:
Title:
Twi Title: So Me Mu
1. M'Ayenkwa pa Yesu, Kae me m'akwantu yim', Menni 'wirɛkyekyefo bi Sɛ Wo nko b're a menam yi' ɔbra kwan yi so de, Me nko mentumi mfa so (sɔ me mu) Nnyeso: O, sɔ me mu (den), O sɔ me mu. Gyegye me taataa kɔd'ru fie dwoo' Agyenkwa sɔ me mu den, (Sɛ Wogyae me mu a) Me boafo asa. 2. Mɛhwɛ m'anim ara, Mɛkɔ m'anim tee; Nea mesrɛ Wo ne sɛ, Ma menn'ru 'kwantu yi awiei, Anka mɛda W'ase Akamfo Wo din kronkron. 3. Menim, Woka me ho, Me bo rentu da; Sɛ 'bonsam de haw ny'naa Ba me so a me bo rentu da; Me mpaebɔ ara ne sɛ: Nyame, ma ɛnsi me yie. 4. M'aw'rɛkyekye Nyame, Me Hann ne me Nkwagye; Mesrɛ Wo Agya pa, Hyerɛn di m'anim kyerɛ me kwan, Nea menam biara no, Mesrɛ, Agya, di m'anim kan. 5. Atamfo ani hwɛ, As'refo repɛ as're; Fɛwdifo nso retwɛn, Nanso menim sɛ wɔbɛfɛre; 'Fisɛ menim sɛ me Dimafo Nyame te ase daa. 6. Sɛ m'akwantu yi Bɛsi me yie a, Sɛ mede nkonimdi Bɛkɔ fie a ne nyinaa firi Wo; Ao me Nkwagye Nyame Kae me ma ɛnsi me yie
Share Hymn NG14
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.