Number: NG1
Category:
Title:
Twi Title: Yafun Mu Aba Ni
1. Yafun mu aba ni, Woyi no Wo tumi so, Tumi bi ne Wo de nsɛ, Onyame, W'akwan yɛ hu. 2. Abofra ketewa yi, Wode na ama yɛn nnɛ, Fa ne koma yɛ Wo de, Ma onyin mmɛyɛ Wo de. 3. Fa no sie sɛ nhwiren, Na ompue ne bere mu, Fa no so yi Wo tumi, Ne W'anuonyam adi. 4. Ma W'abɔfo nwɛn no daa, Na ma W'ani nku ne ho; Pam bonsam firi ne ho; Yi no firi ɔhaw mu. 5. Dan' W'ani hwɛ~awofo yi, Ma wɛnyɔ nea~ɛsɛ W'ani; Ma wonyi nneyɛe pa~adi N-kyerɛ akɔkoaa yi.
Share Hymn NG1
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.