SDA TWI HYMNAL

Favorites

Hymn Stories

Categories

Contact

About

Donate

Home

Favorites

Stories

Categories

Contact

About

Donate

All Hymns

Hymns

Previous (Hymn N35)

Prev

Hymn N36 of 770

Next (Hymn N37)

Next

Number: N36

Category:

Title:

Twi Title: Hena wɔ 'Wura Fa?

1. Hena wɔ 'Wura fa? Hena bɛsom No? Henanom bɛboa No Akɔgye akra? Hena begyaw wiase Atia tamfo no? Hena wɔ 'Wura 'fa Somafo wɔ he? Wo mmɔb'rɔhun' frɛ nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo. 2. 'Nyɛ anuonyam kɛse, Anaa ahenkyɛw Nti na yɛkɔ sa no, To akodwom no; N'ɛyɛ 'dɔ a ɛfrɛ Kra a 'nti Owui: Nea Kristo frɛ no no, Sɛ N'afa gyina. Wo dɔ no hyɛ yɛn nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo. 3. Yesu Woatɔ yɛn de Yɛn ayɛ 'henkyɛw, Woamfa sikaa anaa Bota n'ɛtɔɔ yɛn, Mmom W'ankasa mogya! Wode Wo nhy'ra ma Nea ɔba Wo n-kyɛn Benya 'hofadi. Wo nkwagye kɛse nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɛwɔ Wo. 4. Ɔko no mu yɛ den, Tamfon' ho yɛ hu, Nso ɔhen' no dɔm de, Obi nni so da. Yehyia Ne frankaa ho~a Nkonimdi di mu! Ne nokwar' nsesa nti, Nkonim no y'ampa. Yɛde 'nigye ba nti, Wo s'ro dom no nti, Yɛdɔm Awurade – Gyefo, yɔwɛ Wo.

Share Hymn N36

SDA

Twi Hymnal

Powered by VigilantSoft-GH

© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.

We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.