Number: N29
Category:
Title:
Twi Title: Wɔagyem' Yesu Basa So
. Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' Ne koko mu; Ne dɔ nwini ase ha Na me kra nya home. Tie! ɛyɛ abɔfo nne, Refrɛ me nnwonto mu, 'Nuonyam asase no so Kristalo po' agya hɔ. Nnyeso: Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' Ne koko mu; Ne dɔ nwini ase ha, Na me kra nya home 2. Wɔagyem' Yesu basa so, Wɔagyem' afi haw mu; Wɔagyem' wiase sɔhwɛ mu, Bɔne ntum' nhaw me hɔ. Wɔayem' afi 'w'rɛhow mu. M'akyinnye ne surom'; Aka sɔhwɛ kakra bi, Ne nusu kakra nso. 3. Me koma guankɔbea pa, Yesu awu amam'; Tete bo no so na daa M'ahotoso bɛtra. Ma mentwɛn 'ha boasetɔm' Kosi sɛ sum betwam; Na adekyee apue wɔ Sika m-poano hɔ.
Share Hymn N29
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.