Number: N18
Category:
Title:
Twi Title: Awurade yɛdɔ Nea W'anuonyam te hɔ
1. Awurade yɛdɔ Nea W'anuonyam te hɔ, Wo trabea mu dɛw no Kyɛn wiase dɛw nyinaa. 2. ɛyɛ m-paebɔ fie Nea Wo nkoa hyia mu hɔ; Na Wo; Wura, wɔ hɔ; Rekyea Wo nguankuw no. 3. Yɛdɔ Nkwa asɛm no, Nea ɛma asomdwoe, Ap'rep'rem' w'rɛkyekye, Ne dɛw a ɛnsa da. 4. Yɛbɛto dwom fam ha W'adɔe pii no ho nti, Nso yɛpɛ sɛ yehu S'ro nkonimdi dwom no. 5. 'W'ra Yesu, ma yɛn dom Ma yɛnnɔ W'bebree ha, Na yɛahu W'anim s'ro Ne 'treneefo asom.
Share Hymn N18
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.