Number: N17
Category:
Title:
Twi Title: B're no yɛ dɛ boro so!
1. B're no yɛ dɛ boro so! B're a 'hotefo hyiam no. B're a wɔdwen 'Gyenkwa ho, Na wohyiam to Ne ho dwom. 2. Yɛto daa ɔdɔ ho dwom, 'Dɔ a ɛkaa Agya no; Ɔhwɛɛ wiase mmusu no, Dɔɔ wiase de Ne Ba kyɛe. 3. Yɛto 'Ba no dɔ ho dwom: Ɔdan' N'ahenni gyaa s'ro, Faa yɛn su sii yɛn ananm' N'Obewui maa yɛn nyinaa. 4. Yɛto Honhom dɔ ho dwom; Ɔne yɛn dii no ap'rep're, Maa yaw ne suro kaa yɛn, Ma yɛbɛn Agyenkwa no. 5. B're no bɔyɔ dɔ mm'roso, B're a 'hotefo hyiam s'ro Wɛbɔdwen Yesu ho ara, Wɛbɔto Ne ho dwom daa.
Share Hymn N17
© 2025 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.
We use cookies on this site to help in its proper functionality. By continuing to use this website you are giving consent to cookies being used. Visit our Privacy and Cookie Policy.